Luka 15:28
Luke 15:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɔtee saa asɛm yi no, ne bo fuiɛ enti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenkɔ efie hɔ. Nʼagya tee saa asɛm yi no, ɔfirii adi baa ne nkyɛn bɛkorɔkorɔɔ no.
Luke 15:28 in English
Luke 15:28 · Berean Standard Bible
The older son became angry and refused to go in. So his father came out and pleaded with him.
Context
26Ɛno enti ɔfrɛɛ asomfoɔ no mu baako bisaa no deɛ ɛrekɔ so wɔ efie hɔ. 27Ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nua no asane aba a biribiara anyɛ no enti, wʼagya akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’ 28“Ɔtee saa asɛm yi no, ne bo fuiɛ enti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenkɔ efie hɔ. Nʼagya tee saa asɛm yi no, ɔfirii adi baa ne nkyɛn bɛkorɔkorɔɔ no. 29Ne ba no de awerɛhoɔ buaa no sɛ, ‘Agya, masom wo mfeɛ dodoɔ yi nyinaa a deɛ wobɛka biara metie, nanso wommaa me odwan ba mpo da sɛ menkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani. 30Nanso, wo ba a ɔkɔbɔɔ ahohwie no baeɛ yi deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.