Luka 15:17
Luke 15:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nʼani baa ne ho so no, ɔkaa sɛ, ‘Apaafoɔ a wɔwɔ mʼagya efie didi mee, ma ebi ka ma wɔto gu. Adɛn na mete ha na ɛkɔm rekum me yi!
Luke 15:17 in English
Luke 15:17 · Berean Standard Bible
Finally he came to his senses and said, ‘How many of my father’s hired servants have plenty of food? But here I am, starving to death!
Context
15Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdanee kuromani bi a ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so. 16Ɔwɔ hɔ no, ɛkɔm dee no maa ne kɔn dɔɔ sɛ anka ɔbɛnya aduane a mprako no di no bi mpo adi, nanso, wannya. 17“Nʼani baa ne ho so no, ɔkaa sɛ, ‘Apaafoɔ a wɔwɔ mʼagya efie didi mee, ma ebi ka ma wɔto gu. Adɛn na mete ha na ɛkɔm rekum me yi! 18Mɛsɔre akɔ mʼagya nkyɛn na maka makyerɛ no sɛ, Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, 19na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ wʼapaafoɔ no mu baako.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.