Luka 13:5
Luke 13:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dabi, mo nso moannu mo ho a, mobɛwuwu saa ara.”
Luke 13:5 in English
Luke 13:5 · Berean Standard Bible
No, I tell you. But unless you repent, you too will all perish.”
Context
3Dabi, sɛ mo nso moannu mo ho a, wɔbɛkunkum mo saa ara. 4Anaasɛ mosusu sɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kumm wɔn no yɛ nnebɔneyɛfoɔ sene nnipa a na wɔte Yerusalem no? 5Dabi, mo nso moannu mo ho a, mobɛwuwu saa ara.” 6Afei, Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔbarima bi duaa borɔdɔma wɔ ne turo mu. Ɛda bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔte ɛso aba no bi nanso wannya bi. 7Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mfeɛ mmiɛnsa ni, ɛberɛ biara a mɛba sɛ merebɛte borɔdɔma no bi no, mennya bi. Adɛn enti na ɛresɛe kwa yi? Twa twene.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.