Native Bible

Luke 13:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛberɛ no ara mu Farisifoɔ bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Firi ha kɔ, ɛfiri sɛ, Herode rehwehwɛ wo akum wo.”

Luke 13:31 in English

Luke 13:31 · Berean Standard Bible

At that very hour, some Pharisees came to Jesus and told Him, “Leave this place and get away, because Herod wants to kill You.”

Context

29Nnipa firi apueeɛ ne atɔeɛ bɛhyia wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu ato nsa adidi. 30Na monkae sɛ akyikafoɔ bi wɔ hɔ a, wɔbɛdi ɛkan, na adikanfoɔ bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyi.” 31Saa ɛberɛ no ara mu Farisifoɔ bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Firi ha kɔ, ɛfiri sɛ, Herode rehwehwɛ wo akum wo.” 32Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔka nkyerɛ sakraman no sɛ, ‘metu ahonhommɔne, na masa nyarewa ɛnnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, mɛduru Yerusalem.’ 33Nanso, ɛsɛ sɛ menante ɛnnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyeeɛ, na ɛtwa ara na ɛtwa sɛ odiyifoɔ bɛwu wɔ Yerusalem!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.