Native Bible

Luke 12:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛbɔ me din wɔ nnipa anim no, Kristo no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfoɔ anim.

Luke 12:8 in English

Luke 12:8 · Berean Standard Bible

I tell you, everyone who confesses Me before men, the Son of Man will also confess him before the angels of God.

Context

6Wɔntɔn akasanoma enum nnye sika bi pɛ? Nanso, Onyankopɔn werɛ remfi wɔn mu baako po da. 7Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti, monnsuro, ɛfiri sɛ, mosom bo sene akasanoma dodo biara. 8“Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛbɔ me din wɔ nnipa anim no, Kristo no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfoɔ anim. 9Na deɛ ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfoɔ anim. 10Obiara a ɔbɛkasa atia Kristo no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.