Luka 12:25
Luke 12:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin?
Luke 12:25 in English
Luke 12:25 · Berean Standard Bible
Who of you by worrying can add a single hour to his life?*
Context
23Ɔkra som bo sene aduane na onipadua nso som bo sene ntoma. 24Monhwɛ kwaakwaadabi, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa. Saa ara nso na wɔnni pata a wɔde wɔn nnɔbaeɛ sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduane di. Monsom bo nsene wɔn anaa? 25Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin? 26Na sɛ montumi nyɛ ade ketewaa a ɛte sei mpo a, adɛn na modwennwene nneɛma akɛseɛ ho? 27“Monhwɛ sɛdeɛ sukooko nyini. Wɔnyɛ adwuma, ɛnna wɔnnwono ntoma mfira. Nanso, Salomo ahonya nyinaa mu, na ɔnni ntoma a ɛyɛ fɛ sɛ saa nhwiren no mu baako mpo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.