Luka 12:22
Luke 12:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛfira ho.
Luke 12:22 in English
Luke 12:22 · Berean Standard Bible
Then Jesus said to His disciples, “Therefore I tell you, do not worry about your life, what you will eat, or about your body, what you will wear.
Context
20“Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɔkwasea! Anadwo yi, wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam, na hwan na nneɛma bebree a woapɛ agu hɔ yi, wode bɛgya no?’ 21“Ɛno enti, saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapadeɛ ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefoɔ Onyankopɔn anim ne no.” 22Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛfira ho. 23Ɔkra som bo sene aduane na onipadua nso som bo sene ntoma. 24Monhwɛ kwaakwaadabi, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa. Saa ara nso na wɔnni pata a wɔde wɔn nnɔbaeɛ sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduane di. Monsom bo nsene wɔn anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.