Luka 11:26
Luke 11:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɔsane nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforɔ nson a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena hɔ. Yei ma onipa no sɛe koraa sene sɛdeɛ anka na ɔte kane no.”
Luke 11:26 in English
Luke 11:26 · Berean Standard Bible
Then it goes and brings seven other spirits more wicked than itself, and they go in and dwell there. And the final plight of that man is worse than the first.”
Context
24“Sɛ wɔtu honhommɔne firi onipa bi mu a, ɛkyinkyini hwehwɛ homebea, nanso, ɛnnya bi. Na sɛ wannya homebea a, ɔka sɛ, ‘Mɛsane akɔ onipa a mifirii ne mu baeɛ no mu bio.’ 25Na sɛ ɔsane kɔ onipa no mu a, ɔbɛhunu sɛ ɛhɔ te a ɛfi biara nni mu na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ. 26Afei, ɔsane nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforɔ nson a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena hɔ. Yei ma onipa no sɛe koraa sene sɛdeɛ anka na ɔte kane no.” 27Yesu gu so rekasa no, ɔbaa bi firi nnipakuo no mu kaa sɛ, “Nhyira nka yafunu a ɛwoo wo ne nufoɔ a wonumuu ano!” 28Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛwom deɛ, nanso nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wɔdi so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.