Native Bible

Luke 11:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

anaasɛ ɔbisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ, anaasɛ ɔbisa nkosua a ɔbɛma no nyanyankyerɛ?

Luke 11:12 in English

Luke 11:12 · Berean Standard Bible

Or if he asks for an egg, will give him a scorpion?

Context

10Na obiara a ɔbisa no, wɔma no; na obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no. 11“Agya bɛn na ɔwɔ mo mu na ne ba bisa no burodo a ɔbɛma no ɛboɔ, 12anaasɛ ɔbisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ, anaasɛ ɔbisa nkosua a ɔbɛma no nyanyankyerɛ? 13Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wɔbisa no no!” 14Ɛberɛ bi Yesu tuu honhommɔne bi a ɛyɛ mumu firii onipa bi mu. Honhommɔne no tu firii ne mu no, ɔkasaeɛ ma ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa ahodwirie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.