Native Bible

Leviticus 8:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na frɛ Israelfoɔ no nyinaa na wɔmmra hɔ bi.”

Leviticus 8:3 in English

Leviticus 8:3 · Berean Standard Bible

and assemble the whole congregation at the entrance to the Tent of Meeting.”

Context

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Afei fa Aaron ne ne mmammarima bra Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano. Wɔmfa wɔn ntadeɛ, ɔsra ngo, nantwie ba a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔdeɛ, nnwennini mmienu ne burodo a mmɔreka nni mu nkɛntɛmma mmienu 3na frɛ Israelfoɔ no nyinaa na wɔmmra hɔ bi.” 4Enti nnipa no nyinaa hyiaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. 5Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adeɛ a merebɛyɛ yi, Awurade na wahyɛ me sɛ menyɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.