3 Mose 8:28
Leviticus 8:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mose gyee ne nyinaa firii wɔn nsam hyee no wɔ afɔrebukyia no so de maa Awurade; na afɔrebɔ no sɔɔ Awurade ani.
Leviticus 8:28 in English
Leviticus 8:28 · Berean Standard Bible
Then Moses took these from their hands and burned them on the altar with the burnt offering. This was an ordination offering, a pleasing aroma, an offering made by fire to the LORD.
Context
26ɛnna ɔde saa burodo ntrawa a mmɔreka nni mu no baako nso ne burodo ntrawa no baako a wɔde ngo agu so ne burodo ntrawa baako a wɔfaa ne nyinaa firii kɛntɛn a wɔde bɛsii hɔ wɔ Awurade anim no mu guguu yeinom nyinaa so. 27Wɔde yeinom nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mmammarima nsa sɛ wɔnhim no afɔrebukyia no anim sɛ ɔhim afɔrebɔ mma Awurade. 28Mose gyee ne nyinaa firii wɔn nsam hyee no wɔ afɔrebukyia no so de maa Awurade; na afɔrebɔ no sɔɔ Awurade ani. 29Afei Mose faa ne yan no hinhim no Awurade anim; yei ne Mose kyɛfa wɔ ahoteɛ odwennini no mu sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. 30Afei ɔfaa ɔsra ngo no ne mogya a ɔde apete afɔrebukyia no so no bi de petee Aaron ne ne mmammarima ntadeɛ mu de tee Aaron ne ne mmammarima ne wɔn ntadeɛ ho maa Awurade dwumadie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.