3 Mose 6:21
Leviticus 6:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔde ngo bɛfra ato wɔ dadeɛ apaawa so. Ɛsɛ sɛ wɔto no yie na wɔde brɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔdeɛ a ɛsɔ nʼani yie.
Leviticus 6:21 in English
Leviticus 6:21 · Berean Standard Bible
It shall be prepared with oil on a griddle;* you are to bring it well-kneaded and present it as a grain offering broken * in pieces, a pleasing aroma to the LORD.
Context
19Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 20“Ɛda a wɔbɛsra Aaron ne ne mmammarima ngo no, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam lita mmienu ne fa brɛ Awurade. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummerɛ. 21Wɔde ngo bɛfra ato wɔ dadeɛ apaawa so. Ɛsɛ sɛ wɔto no yie na wɔde brɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔdeɛ a ɛsɔ nʼani yie. 22Ɔsɔfoɔ a ɔfiri Aaron mmammarima mu a wɔrehyɛ no ɔsɔfoɔ ma wasi nʼagya anan no de bɛma Awurade sɛdeɛ wɔahyɛ ho mmara afebɔɔ sɛ wɔnhye ne nyinaa no. 23Ɔsɔfoɔ biara atokoɔ afɔdeɛ a ɔbɛbɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhye ne nyinaa. Ɛnsɛ sɛ wɔdi.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.