Native Bible

Leviticus 4:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ɔsɔfoɔ no de ne mogya aba Ahyiaeɛ Ntomadan no mu,

Leviticus 4:16 in English

Leviticus 4:16 · Berean Standard Bible

Then the anointed priest is to bring some of the bull’s blood into the Tent of Meeting,

Context

14Na sɛ wɔhunu wɔn bɔne a, wɔde nantwie ba bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 15Sɛ wɔrebɔ saa afɔdeɛ no a, ɔman no mu mpanimfoɔ de wɔn nsa bɛgu aboa no apampam na wɔakum no wɔ Awurade anim. 16Na ɔsɔfoɔ no de ne mogya aba Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, 17na ɔde ne nsateaa baako abɔ mogya no mu apete no mprɛnson wɔ Awurade ne ntoma a ɛtwa ɛdan no mu no anim. 18Ɔde mogya bɛgu mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu wɔ Awurade anim. Afei ɔbɛhwie mogya a aka wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no afɔrebukyia no ase no agu wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.