Native Bible

Leviticus 25:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Sɛ mopɛ sɛ motena asase no so asomdwoeɛ mu deɛ a, monni me mmara so.

Leviticus 25:18 in English

Leviticus 25:18 · Berean Standard Bible

You are to keep My statutes and carefully observe My judgments, so that you may dwell securely in the land.

Context

16Mfeɛ no dodoɔ na ɛma ɛboɔ no kɔ soro. Saa ara nso na mfeɛ kakra bi ma ɛboɔ no kɔ fam. Yeinom nyinaa mu, onipa a ɔretɔn asase no retɔn otwa dodoɔ a wɔbɛtwa afiri asase no so. 17Monsuro mo Onyankopɔn na moammɔ ɛboɔ a ɛboro so! Na mene Awurade. 18“ ‘Sɛ mopɛ sɛ motena asase no so asomdwoeɛ mu deɛ a, monni me mmara so. 19Sɛ moyɛ ɔsetie a, aduane bɛbu so wɔ asase no so na moadi amee wɔ asomdwoeɛ mu. 20Nanso, mobɛbisa sɛ, “Na sɛ wɔse yɛnnnua anaa yɛnntwa saa afe no so a, ɛdeɛn na mfeɛ nson no so yɛbɛdie?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.