Native Bible

Leviticus 22:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ɔsɔfoɔ biara a ɔwɔ honam ani nsane yadeɛ biara nni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye sɛ, wɔasa no yadeɛ ama ne ho afiri ansa. Ɔsɔfoɔ biara a ɔde ne nsa bɛka funu anaa ɛnam ahosene enti ne ho bɛgu fi no,

Leviticus 22:4 in English

Leviticus 22:4 · Berean Standard Bible

If a descendant of Aaron has a skin disease * or a discharge, he may not eat the sacred offerings until he is clean. Whoever touches anything defiled by a corpse or by a man who has an emission of semen,

Context

2“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima sɛ, wɔmfa anidie mma afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ ate ho ama me no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnngu me din ho fi. Mene Awurade. 3“Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, sɛ ɔsɔfoɔ biara a ne ho agu fi de ne nsa ka mmoa anaa akyɛdeɛ biara a nnipa no de aba sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ mma Awurade a, wɔbɛworɔ nʼatadeɛ. Mene Awurade. 4“Ɔsɔfoɔ biara a ɔwɔ honam ani nsane yadeɛ biara nni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye sɛ, wɔasa no yadeɛ ama ne ho afiri ansa. Ɔsɔfoɔ biara a ɔde ne nsa bɛka funu anaa ɛnam ahosene enti ne ho bɛgu fi no, 5anaa ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ɔwea fam anaa akyiwadeɛ bi anaa obi a biribi enti, wɔagu ne ho fi no, 6saa ɔsɔfoɔ no ho bɛgu fi kɔsi anwummerɛ. Ɔrenni afɔrebɔdeɛ a wɔate ho no bi kɔsi anwummerɛ a ɔbɛdware.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.