3 Mose 22:21
Leviticus 22:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Obiara a ɔfiri nʼanantwie anaa ne nnwan mu sɛ ɔrebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade no, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ bi ho afɔrebɔ anaa ɔno ara ne pɛ mu no, ɛnsɛ sɛ ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ saa afɔdeɛ no, ɛfiri sɛ, wɔrennye.
Leviticus 22:21 in English
Leviticus 22:21 · Berean Standard Bible
When a man presents a peace offering to the LORD from the herd or flock to fulfill a vow or as a freewill offering, it must be without blemish or defect to be acceptable.
Context
19sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aboanini a ne ho nni dɛm biara a ɔyɛ nantwie ba anaa odwan anaa abirekyie no, Awurade bɛgye. 20Ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a ɛdɛm wɔ ho bɔ afɔdeɛ, ɛfiri sɛ, wɔrennye. 21Obiara a ɔfiri nʼanantwie anaa ne nnwan mu sɛ ɔrebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade no, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ bi ho afɔrebɔ anaa ɔno ara ne pɛ mu no, ɛnsɛ sɛ ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ saa afɔdeɛ no, ɛfiri sɛ, wɔrennye. 22Aboa a nʼani abɔ anaa wadi dɛm anaa wapira anaa ekuro anaa nweweeɛ wɔ ne ho, anaa wedeɛ ani yadeɛ ayɛ no no, ɛnsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔmfata sɛ wɔde no ba afɔrebukyia so bɛbɔ afɔdeɛ ma Awurade. 23Sɛ biribi a ɛboro so anaa ɛtɔ sin wɔ nantwie ba anaa odwan ba a wɔde no rebrɛ Awurade no ho a, ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ ɔpɛ mu afɔdeɛ na mmom, ɛnyɛ bɔhyɛ afɔdeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.