Native Bible

Leviticus 22:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na sɛ ɔyɛ okunafoɔ anaa obi a wɔagyaa no awadeɛ na ɔnni babarima a ɔbɛhwɛ no na ɛno enti ɔsane ba nʼagya nkyɛn a, ɔtumi di nʼagya aduane no bi bio. Yeinom akyi no, asɔfoɔ no abusuafoɔ nko ara na wɔwo ho kwan sɛ wɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no.

Leviticus 22:13 in English

Leviticus 22:13 · Berean Standard Bible

But if a priest’s daughter with no children becomes widowed or divorced and returns to her father’s house, she may share her father’s food as in her youth. But no outsider may share it.

Context

11Nanso sɛ ɛba sɛ ɔsɔfoɔ no de ɔno ara ne sika tɔ akoa a, saa akoa no tumi di bi. Na akoa no mma biara a ɔbɛwo wɔn wɔ fie hɔ no wɔ ho kwan sɛ wɔdi bi. 12Sɛ ɔsɔfoɔ babaa kɔware firi abusuakuo no akyi baabi a, ɔnni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi. 13Na sɛ ɔyɛ okunafoɔ anaa obi a wɔagyaa no awadeɛ na ɔnni babarima a ɔbɛhwɛ no na ɛno enti ɔsane ba nʼagya nkyɛn a, ɔtumi di nʼagya aduane no bi bio. Yeinom akyi no, asɔfoɔ no abusuafoɔ nko ara na wɔwo ho kwan sɛ wɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no. 14“Sɛ obi anhunu na ɔkɔdi saa afɔrebɔdeɛ kronkron no bi a, ɛsɛ sɛ ɔtua ho ka na ɔsane bɔ ho nkyɛmu ɔha mu aduonu de ka ho. 15Ɛfiri sɛ, afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ de aba no, ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔmmaa wɔn ho kwan sɛ wɔnni bi no di bi, ɛfiri sɛ, Awurade na ɔde saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa abrɛ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.