3 Mose 20:8
Leviticus 20:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛsɛ sɛ modi me mmara nyinaa so, ɛfiri sɛ, mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.
Leviticus 20:8 in English
Leviticus 20:8 · Berean Standard Bible
And you shall keep My statutes and practice them. I am the LORD who sanctifies you.
Context
6“ ‘Mɛtia obiara a ɔkɔ adebisafoɔ ne abayifoɔ hɔ abisa na ɔkɔdi wɔn akyi adwaman kwan so, na matwa saa onipa no asuo afiri ne nkurɔfoɔ mu. 7“ ‘Enti monte mo ho na monyɛ kronkron na mene Awurade mo Onyankopɔn. 8Ɛsɛ sɛ modi me mmara nyinaa so, ɛfiri sɛ, mene Awurade a meyɛ mo kronkron no. 9“ ‘Obiara a ɔbɛdome nʼagya anaa ne maame no, ɛkwan biara so wɔbɛkum no, ɛfiri sɛ, wadome nʼankasa ne honam ne ne mogya. 10“ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa obi yere a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima no ne ɔbaa no nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.