Native Bible

Leviticus 19:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara atemmufoɔ bu atɛntenenee a wɔnhwɛ sɛ deɛ wɔrebu no atɛn no yɛ ohiani anaa osikani. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmuo yɛ pɛpɛɛpɛ.

Leviticus 19:15 in English

Leviticus 19:15 · Berean Standard Bible

You must not pervert justice; you must not show partiality to the poor or favoritism to the rich; you are to judge your neighbor fairly.

Context

13“ ‘Nwia wo yɔnko na monnsisi obi. “ ‘Na mo apaafoɔ nso, montua wɔn ka ntɛm na mommma adeɛ nkye so. 14“ ‘Monnnome ɔsotifoɔ na monntwintwane onifirani akwan mu. Monsuro mo Onyankopɔn; Mene Awurade. 15“ ‘Ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara atemmufoɔ bu atɛntenenee a wɔnhwɛ sɛ deɛ wɔrebu no atɛn no yɛ ohiani anaa osikani. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmuo yɛ pɛpɛɛpɛ. 16“ ‘Monnni nsekuro. “ ‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene Awurade. 17“ ‘Ntane wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefoɔ mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wodi ho fɔ saa ara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.