3 Mose 16:23
Leviticus 16:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ bio akɔworɔ nʼatadeɛ nahanaha a ɔhyɛɛ wɔ ntwamutam no akyi no na wagya no wɔ hɔ.
Leviticus 16:23 in English
Leviticus 16:23 · Berean Standard Bible
Then Aaron is to enter the Tent of Meeting, take off the linen garments he put on before entering the Most Holy Place, and leave them there.
Context
21de ne nsa mmienu agu aboa no apampam, na waka atirimuɔden ne atuateɛ a Israelfoɔ ayɛ, wɔn bɔne nyinaa de agu abirekyie no apampam, na obi a wɔayi no sɛ ɔnyɛ saa adwuma no de aboa no bɛkɔ ɛserɛ so. 22Enti abirekyie no bɛsoa nnipa no bɔne nyinaa de akɔ asase a obi nte so no so na onii no agyaa no wɔ ɛserɛ so hɔ. 23“Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ bio akɔworɔ nʼatadeɛ nahanaha a ɔhyɛɛ wɔ ntwamutam no akyi no na wagya no wɔ hɔ. 24Ɔbɛkɔ akɔdware wɔ baabi a wɔate hɔ ho na wahyɛ ne ntadeɛ no bio na wafiri adi akɔbɔ ɔno ankasa ɔhyeɛ afɔdeɛ asane abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama nnipa no na wayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne wɔn. 25Ɔbɛhye sradeɛ de abɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.