Native Bible

Leviticus 14:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na ɔde ne nsateaa nifa abɔ mu apete bi mprɛnson wɔ Awurade anim.

Leviticus 14:27 in English

Leviticus 14:27 · Berean Standard Bible

and sprinkle with his right forefinger some of the oil in his left palm seven times before the LORD.

Context

25Afei, wɔbɛkum odwammaa no de no abɔ ɛfɔdie afɔdeɛ na ɔde ne mogya no bi akeka ɔbarima a wɔredwira no no aso nifa ase. Ɔde mogya no bi bɛka ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie. 26Ɔsɔfoɔ no bɛhwie ngo agu ɔno ara ne nsa benkum mu 27na ɔde ne nsateaa nifa abɔ mu apete bi mprɛnson wɔ Awurade anim. 28Na ɛsɛ sɛ ɔde ngo a ɛwɔ ne nsam no bi ka ɔbarima no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie sɛdeɛ ɔyɛɛ mogya no ɛberɛ a ɔrebɔ ɛfɔdie afɔdeɛ no. 29Ngo no a ɛbɛka wɔ ne nsam no, ɛsɛ sɛ ɔde fɔ ɔbarima a wɔredwira no no tiri ho de yɛ mpatadeɛ wɔ Awurade anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.