3 Mose 14:24
Leviticus 14:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔsɔfoɔ no bɛfa odwammaa no de abɔ ɛfɔdie afɔdeɛ. Ɔde ngo toa ma bɛka ho na wahim no afɔrebukyia no anim de akyerɛ sɛ, wɔde rema Awurade.
Leviticus 14:24 in English
Leviticus 14:24 · Berean Standard Bible
The priest shall take the lamb for the guilt offering, along with the log of olive oil, and wave them as a wave offering before the LORD.
Context
22Ɛno akyi, ɔde mmorɔnoma mmienu anaa nturukuku mma mmienu mu biara a ɔbɛnya no mu baako bɛbɔ bɔne afɔdeɛ na ɔde baako a ɔbɛka no nso abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. 23“Ɛda a ɛtɔ so nnwɔtwe no, ɔde ne nyinaa bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano na ɔsɔfoɔ no de adwira no wɔ Awurade anim. 24Ɔsɔfoɔ no bɛfa odwammaa no de abɔ ɛfɔdie afɔdeɛ. Ɔde ngo toa ma bɛka ho na wahim no afɔrebukyia no anim de akyerɛ sɛ, wɔde rema Awurade. 25Afei, wɔbɛkum odwammaa no de no abɔ ɛfɔdie afɔdeɛ na ɔde ne mogya no bi akeka ɔbarima a wɔredwira no no aso nifa ase. Ɔde mogya no bi bɛka ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie. 26Ɔsɔfoɔ no bɛhwie ngo agu ɔno ara ne nsa benkum mu
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.