Native Bible

Leviticus 14:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na ɔde ne nsa nifa abɔ mu, na watu apete mprɛnson wɔ Awurade anim.

Leviticus 14:16 in English

Leviticus 14:16 · Berean Standard Bible

dip his right forefinger into the oil in his left palm, and sprinkle some of the oil with his finger seven times before the LORD.

Context

14Ɔsɔfoɔ no bɛfa saa ɛfɔdie afɔrebɔdeɛ mogya na ɔde akeka ɔyarefoɔ a wɔrete ne ho no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie. 15Afei, ɔsɔfoɔ no bɛfa ngo no bi ahwie agu ne nsa benkum mu 16na ɔde ne nsa nifa abɔ mu, na watu apete mprɛnson wɔ Awurade anim. 17Ngo no a ɛbɛka ne nsa benkum mu no, ɔsɔfoɔ no de bɛka onipa no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie sɛdeɛ ɔde ɛfɔdie mogya yɛeɛ wɔ ɛfɔdie afɔrebɔ no mu no ara pɛ. 18Ɔde ngo no nkaeɛ a ɛwɔ ne nsam no bɛfɔ ɔbarima no tiri ho. Yei bɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no de ne ho ayɛ mpatadeɛ ama onipa no wɔ Awurade anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.