3 Mose 13:47
Leviticus 13:47 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Sɛ kwata ho nsɛnkyerɛnneɛ bi ka atadeɛ mu
Leviticus 13:47 in English
Leviticus 13:47 · Berean Standard Bible
If any fabric is contaminated with mildew *—any wool or linen garment,
Context
45“Onipa biara a wɔbɛhunu sɛ ɔyare kwata no, ɛsɛ sɛ ɔfira ntoma a atete na ɔma ne tirinwi fu, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteateam sɛ, ‘Me ho nte! Me ho nte!’ 46Na nna dodoɔ a yadeɛ no nkɔeɛ no deɛ, wɔbɛfa ɔyarefoɔ no sɛ ne ho nte enti ɛsɛ sɛ ɔtena kuro no akyi baabi. 47“Sɛ kwata ho nsɛnkyerɛnneɛ bi ka atadeɛ mu 48kuntutam anaa nweratam, aboa nhoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ mu, 49na sɛ nsisiiɛ ahahammono anaa kɔkɔɔ wɔ mu a, ebia na ɛyɛ kwata, enti ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔsɔfoɔ na ɔhwɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.