Native Bible

Leviticus 13:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Sɛ obi tiri so pa a, ɛwom sɛ ne tiri so apa deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkwatani!

Leviticus 13:40 in English

Leviticus 13:40 · Berean Standard Bible

Now if a man loses his hair and is bald, he is still clean.

Context

38“Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi honam ani yɛ fitaa nahanaha, 39na akyire no, honam no ani dum ara na ɛredum a, na ɛnkyerɛ sɛ kwata ayɛ onipa no, na mmom, ɛyɛ yare foforɔ bi. 40“Sɛ obi tiri so pa a, ɛwom sɛ ne tiri so apa deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkwatani! 41Sɛ obi tiri so pa firi ne moma so a, na ne moma so ara na apa, na ɛnkyerɛ sɛ ɛyɛ kwata. 42Na mmom, sɛ nsisiiɛ nkɔkɔɔ a fitaa frafra mu wɔ atipa no so a, na ɛkyerɛ sɛ, ebia, kwata pɛ sɛ ɛyɛ saa onipa no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.