Native Bible

Leviticus 12:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ ɔbaa bi wo ɔbabaa a, ne ho nnte nnawɔtwe mmienu, te sɛ deɛ ɔkɔ afikyire a ne ho nteɛ no ara. Afei ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnafua aduosia nsia ma ne ho twa.

Leviticus 12:5 in English

Leviticus 12:5 · Berean Standard Bible

If, however, she gives birth to a daughter, the woman will be unclean for two weeks as she is during her menstruation. Then she must continue in purification from her bleeding for sixty-six days.

Context

3Ne nnawɔtwe so no, ɛsɛ sɛ wɔtwa abarimaa no twetia. 4Na nnafua aduasa mmiɛnsa a ɛda nʼanim a ɔde rete ne ho no, ɛnsɛ sɛ ɔsɔ biribiara a ɛyɛ kronkron mu na ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ hyiadan mu nso. 5Sɛ ɔbaa bi wo ɔbabaa a, ne ho nnte nnawɔtwe mmienu, te sɛ deɛ ɔkɔ afikyire a ne ho nteɛ no ara. Afei ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnafua aduosia nsia ma ne ho twa. 6“Sɛ saa ahoteɛ nna yi twam a (mmara a ɛdi so yi ka ɔbaa a wawo abarimaa anaa abaayewa ho asɛm), ɛsɛ sɛ ɔde odwammaa a wadi afe bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano kɔma ɔsɔfoɔ no, 7na ɔsɔfoɔ no de ama Awurade de ayɛ mpatadeɛ ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho te bio wɔ nʼawoɔ mu mogyaguo ho. “Yei ne awoɔ akyi ahyɛdeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.