3 Mose 11:31
Leviticus 11:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn mu bi funu no ho bɛyɛ fi kɔsi anwummerɛ
Leviticus 11:31 in English
Leviticus 11:31 · Berean Standard Bible
These animals are unclean for you among all the crawling creatures. Whoever touches them when they are dead shall be unclean until evening.
Context
29“ ‘Mmoa a wɔwea fam a wɔn ho nte no nie: Kɔkɔbo, okusie, akura, 30efiewura, ɔmampam, ɔkoterɛ, srɛ so koterɛ, abosomakoterɛ. 31Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn mu bi funu no ho bɛyɛ fi kɔsi anwummerɛ 32na biribiara a wɔn funu no ho bɛka no nso ho bɛgu fi, sɛ ɛyɛ dua, ntoma, kuntu, kotokuo; biribiara a wɔn ho bɛka no, wɔmfa ngu nsuo mu nkɔsi anwummerɛ. Ɛno akyi, wɔtumi de di dwuma bio. 33Kukuo biara a ebi bɛtɔ mu no, deɛ ɛwɔ mu biara ho bɛgu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa kukuo no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.