Native Bible

Lamentations 2:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbabaa Sion mpanimfoɔ tete fam ayɛ komm; wɔde mfuturo agu wɔn tirim afirafira ayitoma. Yerusalem mmabaawa asisi wɔn tiri ase.

Lamentations 2:10 in English

Lamentations 2:10 · Berean Standard Bible

The elders of the Daughter of Zion sit on the ground in silence. They have thrown dust on their heads and put on sackcloth. The young women of Jerusalem have bowed their heads to the ground.

Context

8Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe Ɔbabaa Sion ɔfasuo a atwa ne ho ahyia no. Ɔde susuhoma too ho na wannyae ɔsɛeɛ no. Ɔmaa apie ne afasuo dii abooboo; wɔn nyinaa sɛeɛ. 9Nʼapono amem fam; wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no. Ne ɔhene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asuo kɔ amanaman no mu, mmara nni hɔ bio, na nʼadiyifoɔ nnnya anisoadehunu a ɛfiri Awurade hɔ bio. 10Ɔbabaa Sion mpanimfoɔ tete fam ayɛ komm; wɔde mfuturo agu wɔn tirim afirafira ayitoma. Yerusalem mmabaawa asisi wɔn tiri ase. 11Mʼani rentumi nnyae nisuteɛ, me yafunu mu retwa me, mʼakoma rete atɔ fam, ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ, ɛfiri sɛ mmɔfra ne mmotafowa totɔ piti wɔ kuropɔn no mmɔntene so. 12Wɔbisa wɔn maamenom sɛ, “Ɛhe na aduane ne nsã wɔ?” Ɛberɛ a wɔtotɔ piti sɛ apirafoɔ wɔ kuropɔn no mmɔntene so, ɛberɛ a wɔn nkwa resa wɔ wɔn maamenom abasa so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.