Yuda 1:13
Jude 1:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔte sɛ ɛpo asorɔkye a ano yɛ den a ɛhuru sɛ ahuro da wɔn aniwudeɛ adi. Wɔte sɛ nsoromma a ɛkyinkyini a Onyankopɔn de wɔn asie ɔsɛeɛ esum kabii mu afebɔɔ.
Jude 1:13 in English
Jude 1:13 · Berean Standard Bible
They are wild waves of the sea, foaming up their own shame; wandering stars, for whom blackest darkness has been reserved forever.
Context
11Wɔnnue! Ɛkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibereɛ enti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm ase. Wɔate atua atia Onyankopɔn sɛdeɛ Kora yɛeɛ pɛpɛɛpɛ. Yei enti wɔbɛsɛe wɔn. 12Wɔte sɛ nkekaeɛ fi a ɛwɔ wo nua aduane a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a ɛsi na mframa bɔ no, nanso osuo ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnso aba asusɔberɛ mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne nhini ama awu koraa. 13Wɔte sɛ ɛpo asorɔkye a ano yɛ den a ɛhuru sɛ ahuro da wɔn aniwudeɛ adi. Wɔte sɛ nsoromma a ɛkyinkyini a Onyankopɔn de wɔn asie ɔsɛeɛ esum kabii mu afebɔɔ. 14Henok, Adam aseni a ɔtɔ no so nsia na ɔhyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete sɛ, “Hwɛ, Awurade ne nʼabɔfoɔ Kronkron mpempem reba, 15na wɔabɛbu mo nyinaa atɛn na wɔabu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa atɛn wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ ne nsɛm a wɔaka atia Onyankopɔn no ho.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.