Yosua 6:24
Joshua 6:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Israelfoɔ no hyee kuropɔn no ne emu nneɛma nyinaa. Nneɛma a wɔanhye no yɛ deɛ wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafraeɛ anaa dadeɛ ayɛ. Wɔde ne nyinaa kɔsiee Awurade fie adekoradan mu.
Joshua 6:24 in English
Joshua 6:24 · Berean Standard Bible
Then the Israelites burned up the city and everything in it. However, they put the silver and gold and articles of bronze and iron into the treasury of the LORD’s house.
Context
22Afei, Yosua ka kyerɛɛ akwansrafoɔ baanu no sɛ, “Monni mo bɔhyɛ no so. Monkɔ odwamanfoɔ no fie na monkɔfa no ne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra.” 23Mmeranteɛ no kɔfaa Rahab, nʼagya, ne maame, ne nuammarima ne abusuafoɔ a na wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa baeɛ. Wɔde abusuafoɔ no nyinaa kɔsiee baabi a ɔhaw biara nni hɔ na ɛbɛn Israelfoɔ atenaeɛ. 24Afei, Israelfoɔ no hyee kuropɔn no ne emu nneɛma nyinaa. Nneɛma a wɔanhye no yɛ deɛ wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafraeɛ anaa dadeɛ ayɛ. Wɔde ne nyinaa kɔsiee Awurade fie adekoradan mu. 25Enti, Yosua amfa ne nsa anka odwamanfoɔ Rahab ne nʼabusuafoɔ a na wɔka ne ho wɔ efie no, ɛfiri sɛ, ɔde akwansrafoɔ a Yosua somaa wɔn Yeriko no sieeɛ. Enti, ɔte Israelfoɔ mu bɛsi ɛnnɛ. 26Saa ɛberɛ no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “Awurade nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio.
“Ɔde nʼabakan na ɛbɛhyɛ aseɛ,
na ɔde nʼakumaa na ɛbɛsisi ano apono.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.