Native Bible

Joshua 3:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, monyiyi nnipa dumienu a ɔbaako biara firi mmusuakuo dumienu no mu.

Joshua 3:12 in English

Joshua 3:12 · Berean Standard Bible

Now choose twelve men from the tribes of Israel, one from each tribe.

Context

10Ɛnnɛ mobɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no ka mo ho. Ampa ara ɔbɛpam Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Hewifoɔ, Perisifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ ne Yebusifoɔ. 11Monnwene ho! Apam Adaka a ɛyɛ Awurade a asase nyinaa yɛ ne dea no bɛdi mo anim de mo atware Asubɔnten Yordan. 12Afei, monyiyi nnipa dumienu a ɔbaako biara firi mmusuakuo dumienu no mu. 13Asɔfoɔ no bɛsoa Awurade a ɔyɛ asase nyinaa wura no Adaka no. Sɛ wɔn nan nya si nsuo no mu ara pɛ, asuo no bɛtwa afiri atifi ama ano aboa wɔ hɔ.” 14Ɛberɛ a nnipa no sɔree sɛ wɔrekɔtwa Yordan no, asɔfoɔ a na wɔso Apam Adaka no dii wɔn anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.