Yosua 24:10
Joshua 24:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, mantie no, na mmom mema ɔhyiraa mo, na megyee mo firii Balak nsam.
Joshua 24:10 in English
Joshua 24:10 · Berean Standard Bible
but I would not listen to Balaam. So he blessed you again and again, and I delivered you from his hand.
Context
8“Mede mo baa Amorifoɔ asase so wɔ Yordan apueeɛ fam. Wɔne mo koeɛ, nanso memaa modii wɔn so nkonim na mofaa wɔn asase. 9Na Moabhene Sipor babarima Balak hyɛɛ aseɛ ko tiaa Israel. Ɔka kyerɛɛ Beor babarima Balaam sɛ ɔnnome mo. 10Nanso, mantie no, na mmom mema ɔhyiraa mo, na megyee mo firii Balak nsam. 11“Na motwaa Asubɔnten Yordan baa Yeriko no, Yeriko mmarima ko tiaa mo. Na nkurɔfoɔ pii nso ko tiaa mo a Amorifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ka ho. Nanso, mema modii wɔn so nkonim. 12Afei, mesomaa nnowa dii mo anim ma wɔkɔpamoo Amorifoɔ ahemfo baanu no. Ɛnyɛ mo akofena anaa mo agyan na ɛma modii nkonim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.