Yosua 23:2
Joshua 23:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
frɛɛ mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Seesei, mabɔ akɔkoraa.
Joshua 23:2 in English
Joshua 23:2 · Berean Standard Bible
he summoned all Israel, including its elders, leaders, judges, and officers. “I am old and well along in years,” he said,
Context
1Mfeɛ bebree twaam a Awurade maa Israelfoɔ no ahotɔ a wɔn atamfoɔ no mu biara anha wɔn bio. Yosua a afei na wanyini yie no 2frɛɛ mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Seesei, mabɔ akɔkoraa. 3Moahunu biribiara a Awurade, mo Onyankopɔn ayɛ ama mo me nkwa nna yi mu. Awurade, mo Onyankopɔn ako atia mo atamfoɔ. 4Mede amanaman no nsase a yɛnnya nnii soɔ ne deɛ yɛadi soɔ ama mo sɛ mo agyapadeɛ, ɛfiri Asubɔnten Yordan kɔsi Ɛpo Kɛseɛ a ɛwɔ atɔeɛ fam no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.