Yosua 21:42
Joshua 21:42 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na kuro biara wɔ adidibea da ho.
Joshua 21:42 in English
Joshua 21:42 · Berean Standard Bible
Each of these cities had its own surrounding pasturelands; this was true for all the cities.
Context
40Enti, nkurotoɔ dumienu na wɔde maa Merari abusua. 41Nkuro dodoɔ ne ɛho adidibea a na ɛwɔ Israelman mu a wɔde maa Lewifoɔ no nyinaa yɛ aduanan nwɔtwe. 42Na kuro biara wɔ adidibea da ho. 43Enti, Awurade de nsase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no maa Israelfoɔ no, na wɔdii so nkonim, tenaa hɔ. 44Na Awurade ma wɔnyaa ahomeɛ wɔ afanan nyinaa, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfoɔ biara antumi annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ, Awurade boaa wɔn ma wɔdii wɔn atamfoɔ so nkonim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.