Native Bible

Joshua 19:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Aser abusuakuo no agyapadeɛ.

Joshua 19:31 in English

Joshua 19:31 · Berean Standard Bible

This was the inheritance of the clans of the tribe of Asher, including these cities and their villages.

Context

29Afei ɛhyeɛ no dane kɔfa Rama ne Kuropɔn Tiro a wɔabɔ ho ban no bɛsi Ɛpo Kɛseɛ no ho wɔ Hosa. Nkuro a ɛwɔ asase no so bi ne Mehebel ne Aksib, 30Uma, Afek ne Rehob. Nkuro aduonu mmienu ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia. 31Yei ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Aser abusuakuo no agyapadeɛ. 32Asase no kyɛfa a ɛtɔ so nsia no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuo no nsam. 33Ne ɛhyeɛ no firi Helef, Saananim dupɔn no ho, kɔfa Adami-Nekeb ne Yabneel, toa so kɔ Lakum kɔpem Asubɔnten Yordan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.