Yosua 19:13
Joshua 19:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɛtoa so kɔ apueeɛ fam kɔduru Gat-Hefer, Et-Kasin ne Rimon, na ahima ahwɛ Nea.
Joshua 19:13 in English
Joshua 19:13 · Berean Standard Bible
From there it crossed eastward to Gath-hepher and to Eth-kazin; it extended to Rimmon and curved around toward Neah.
Context
11Ɛfiri hɔ kɔ atɔeɛ fam, kɔpa Marala ho na akɔka Dabeset. Ɛfa hɔ kɔ Yokneam apueeɛ fam asuwa ho. 12Ɛhyeɛ no fa firi Sarid kɔ apueeɛ fam kɔsi Kislot-Tabor; ɛtoa so kɔ Daberat na aforo akɔ Yafia. 13Afei, ɛtoa so kɔ apueeɛ fam kɔduru Gat-Hefer, Et-Kasin ne Rimon, na ahima ahwɛ Nea. 14Sebulon ɛhyeɛ a ɛda atifi fam no fa Hanaton na ɛbɛwiee wɔ Yifta-El bɔnhwa mu. 15Nkuro ɛwɔ asase yi so ne: Katat, Nahalal, Simron, Yidala ne Betlehem.* Nkuro dumienu ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.