Yosua 19:10
Joshua 19:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asase no kyɛfa a ɛtɔ so mmiɛnsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuo no nsam. Sebulon agyapadeɛ ɛhyeɛ no hyɛ aseɛ wɔ Sarid.
Joshua 19:10 in English
Joshua 19:10 · Berean Standard Bible
The third lot came up for the clans of the tribe of Zebulun: The border of their inheritance stretched as far as Sarid.
Context
8ne nkuraaseɛ a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Baalat-Beer (a wɔfrɛ no Rama a ɛwɔ Negeb).
Yei ne mmusua a wɔwɔ Simeon abusuakuo mu no agyapadeɛ. 9Wɔn agyapadeɛ no yɛ Yuda deɛ no fa bi a wɔde maa Yuda, ɛfiri sɛ, na Yuda asase no so dodo ma wɔn. Ɛno enti, Simeon abusuakuo no nyaa wɔn agyapadeɛ firii Yuda asase no mu. 10Asase no kyɛfa a ɛtɔ so mmiɛnsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuo no nsam.
Sebulon agyapadeɛ ɛhyeɛ no hyɛ aseɛ wɔ Sarid. 11Ɛfiri hɔ kɔ atɔeɛ fam, kɔpa Marala ho na akɔka Dabeset. Ɛfa hɔ kɔ Yokneam apueeɛ fam asuwa ho. 12Ɛhyeɛ no fa firi Sarid kɔ apueeɛ fam kɔsi Kislot-Tabor; ɛtoa so kɔ Daberat na aforo akɔ Yafia.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.