Yosua 13:30
Joshua 13:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔn asase no firi Mahanaim, Basan nyinaa, ɔhene Og kane tete ahemman nyinaa ne nkuro aduosia a ɛwɔ Yair a ɛwɔ Basan no.
Joshua 13:30 in English
Joshua 13:30 · Berean Standard Bible
The territory from Mahanaim through all Bashan—all the kingdom of Og king of Bashan, including all the towns of Jair that are in Bashan, sixty cities;
Context
28Nkuro ne nkuraaseɛ a ɛwɔ saa beaeɛ yi na wɔde maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuo mu sɛ wɔn agyapadeɛ. 29Mose de saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Manase abusuakuo fa no mu. 30Na wɔn asase no firi Mahanaim, Basan nyinaa, ɔhene Og kane tete ahemman nyinaa ne nkuro aduosia a ɛwɔ Yair a ɛwɔ Basan no. 31Gilead fa ne ɔhene Og ahenkuro, Astarot ne Edrei ka ho.
Wɔde yeinom nyinaa maa Makir a na ɔyɛ Manase babarima no asefoɔ. 32Yeinom yɛ nkyekyɛmu a Mose yɛɛ ɛberɛ a na ɔwɔ Moab tata so, wɔ Asubɔnten Yordan akyi, Yeriko apueeɛ fam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.