Native Bible

Joshua 1:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Monkae ahyɛdeɛ a Awurade ɔsomfoɔ Mose maa mo no: ‘Awurade, mo Onyankopɔn, rema mo ahomeɛ na ɔde asase yi ama mo.’

Joshua 1:13 in English

Joshua 1:13 · Berean Standard Bible

“Remember what Moses the servant of the LORD commanded you when he said, ‘The LORD your God will give you rest, and He will give you this land.’

Context

11“Momfa atenaeɛ no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wɔnsiesie wɔn nnuane. Nnansa akyi no, mobɛtwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de ama mo no.” 12Afei Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua no fa nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, 13“Monkae ahyɛdeɛ a Awurade ɔsomfoɔ Mose maa mo no: ‘Awurade, mo Onyankopɔn, rema mo ahomeɛ na ɔde asase yi ama mo.’ 14Mo yerenom, mo mma ne mo anantwie bɛtena Yordan apueeɛ fam ha. Nanso, mo akofoɔ a wɔasiesie wɔn ho ama ɔkɔ no bɛdi mmusuakuo a aka no anim atware Yordan, na wɔaboa ma wɔafa asase no. Mo ne wɔn ntena hɔ 15nkɔsi sɛ Awurade bɛma wɔn ahomeɛ sɛdeɛ wayɛ ama mo no. Na wɔn nso bɛdi asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema wɔn no so. Ɛno ansa na mode Yordan apueeɛ fam ha asase a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ de maa mo no, bɛyɛ mo atenaeɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.