Jonah 4:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awia pueeɛ no, Onyankopɔn ma apueeɛ mframa bi a emu yɛ hyeɛ bɔeɛ na awia hyee Yona apampam ma ɔtɔɔ bira. Ɔpɛɛ sɛ ɔwu, na ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ ma me sɛ mewu sene sɛ metena ase.”
Jonah 4:8 in English
Jonah 4:8 · Berean Standard Bible
As the sun was rising, God appointed a scorching east wind, and the sun beat down on Jonah’s head so that he grew faint and wished to die, saying, “It is better for me to die than to live.”
Context
6Na Awurade Onyankopɔn maa bobe dua bi nyinii ntɛm ntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahomeka, na nʼani gyee dua no ho. 7Nanso ahemadakye no, Onyankopɔn maa ɔsa bɛwee bobe dua maa nhahan no poeɛ. 8Awia pueeɛ no, Onyankopɔn ma apueeɛ mframa bi a emu yɛ hyeɛ bɔeɛ na awia hyee Yona apampam ma ɔtɔɔ bira. Ɔpɛɛ sɛ ɔwu, na ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ ma me sɛ mewu sene sɛ metena ase.” 9Onyankopɔn bisaa Yona sɛ, “Ɛyɛ sɛ wofa abufuo wɔ dua no ho anaa?”
Yona buaa sɛ, “Aane, me bo afu, na sɛ mɛwu a anka mepa.” 10Na Awurade kaa sɛ, “Dua yi ho asɛm aha wo, nanso woanni ho dwuma biara, na ɛnyɛ wo na woma ɛnyiniiɛ. Ɛfifirii ntɛm ntɛm na ɛwuu ntɛm ntɛm.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.