Native Bible

Jonah 3:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, ɔmaa wɔbɔɔ dawuro wɔ Ninewe sɛ, “Mmara a ɛfiri ɔhene ne nʼatitire hɔ nie: “Obiara, sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa, anantwikuo anaa nnwankuo, mmfa hwee nka nʼano; mma ɔnnnidi anaa ɔnnom.

Jonah 3:7 in English

Jonah 3:7 · Berean Standard Bible

Then he issued a proclamation in Nineveh: “By the decree of the king and his nobles: Let no man or beast, herd or flock, taste anything at all. They must not eat or drink.

Context

5Ninewefoɔ gyee Onyankopɔn diiɛ. Wɔhyɛɛ sɛ wɔn nyinaa bɛdi abuada, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi ɔketewa so, na wɔafirafira ayitoma. 6Ɛberɛ a Ninewehene tee asɛm no, ɔsɔre firii nʼahennwa so, ɔworɔɔ nʼahenetadeɛ, Ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa mfuturo mu. 7Afei, ɔmaa wɔbɔɔ dawuro wɔ Ninewe sɛ, “Mmara a ɛfiri ɔhene ne nʼatitire hɔ nie: “Obiara, sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa, anantwikuo anaa nnwankuo, mmfa hwee nka nʼano; mma ɔnnnidi anaa ɔnnom. 8Na mmom nnipa ne mmoa mfa ayitoma nkata wɔn ho. Obiara mfa anibereɛ nsu mfrɛ Onyankopɔn. Wɔn mfiri wɔn akwammɔne so, na wɔnnyae basabasayɛ. 9Hwan na ɔnim? Ebia, Onyankopɔn bɛhunu yɛn mmɔbɔ, na watwe nʼabufuhyeɛ no a ɔnam so rebɛsɛe yɛn no asan.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.