Native Bible

Joel 1:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Bobe no akusa na borɔdɔma nnua no awuwu. Ateaa nnua, mmɛdua, aperɛ ne nnua a ɛwɔ mfuo no so nyinaa ahye. Nokorɛm, anigyeɛ a nnipa wɔ no atu ayera.

Joel 1:12 in English

Joel 1:12 · Berean Standard Bible

The grapevine is dried up, and the fig tree is withered; the pomegranate, palm, and apple— all the trees of the orchard—are withered. Surely the joy of mankind has dried up.

Context

10Mfuo asɛe, asase no so awo wesee aduane no asɛe nsã foforɔ no awe ngo nyinaa asa. 11Mo ani nwu, mo akuafoɔ, mo ntwa adwo, mo a modua bobe; Monsi apinie mma ayuo ne atokoɔ, ɛfiri sɛ otwaberɛ no asɛe. 12Bobe no akusa na borɔdɔma nnua no awuwu. Ateaa nnua, mmɛdua, aperɛ ne nnua a ɛwɔ mfuo no so nyinaa ahye. Nokorɛm, anigyeɛ a nnipa wɔ no atu ayera. 13Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ, Ao asɔfoɔ; mo a mosom afɔrebukyia anim, montwa adwo. Momfira ayitoma mmɛsiri pɛ mo a mosom Onyankopɔn anim; ɛfiri sɛ aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ no ɛto atwa wɔ Onyankopɔn efie. 14Mommɔ mmuadadie kronkron ho dawuro; momfrɛ nhyiamu kronkron. Monfrɛ mpanimfoɔ ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa mmra Awurade mo Onyankopɔn efie na wɔmmesu mfrɛ Awurade.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.