Hiob 5:24
Job 5:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wobɛhunu sɛ wo ntomadan wɔ banbɔ; na sɛ wosese wʼahodeɛ a, wobɛhunu sɛ hwee nyeraeɛ.
Job 5:24 in English
Job 5:24 · Berean Standard Bible
You will know that your tent is secure, and find nothing amiss when inspecting your home.
Context
22Wobɛsere ɔsɛeɛ ne ɔkɔm;
na ɛnsɛ sɛ wosuro asase so mmoa. 23Wo ne afuo so aboɔ bɛyɛ apam,
na emu nkekaboa nso ne wo bɛtena asomdwoeɛ mu. 24Wobɛhunu sɛ wo ntomadan wɔ banbɔ;
na sɛ wosese wʼahodeɛ a, wobɛhunu sɛ hwee nyeraeɛ. 25Wobɛhunu sɛ wo mma bɛyɛ bebree;
na wʼasefoɔ bɛdɔre sɛ ɛserɛ. 26Wode ahoɔden bɛkɔ damena mu,
te sɛ afiafi a wɔaboa ano wɔ otwa berɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.