Hiob 41:30
Job 41:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so. Ɔtwe ne ho ase wɔ fam fa atɛkyɛ mu a, ɛyiyi akam.
Job 41:30 in English
Job 41:30 · Berean Standard Bible
His undersides are jagged potsherds, spreading out the mud like a threshing sledge.
Context
28Agyan mma no nnwane;
ahwimmoɔ mu aboa yɛ ntɛtɛ ma no. 29Aporibaa te sɛ ɛserɛ wɔ nʼani so;
na ɔsere pɛmɛ nnyegyeɛ. 30Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so.
Ɔtwe ne ho ase wɔ fam fa atɛkyɛ mu a, ɛyiyi akam. 31Ɔma ebunu mu huru sɛ nsuo a ɛwɔ ɛsɛn mu
na ɔnunu ɛpo mu sɛ sradeɛ a ɛwɔ kukuo mu. 32Deɛ ɔbɛfa no, ɛhɔ nsuo no pa yerɛyerɛ;
na obi bɛsusu sɛ ɛpo bunu adane ayɛ dwono.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.