Hiob 37:11
Job 37:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔde fɔnwuni hyɛ omununkum ma; na ɔtwa nʼanyinam fa mu.
Job 37:11 in English
Job 37:11 · Berean Standard Bible
He loads the clouds with moisture; He scatters His lightning through them.
Context
9Ahum tu firi ne pia mu,
na awɔ nso firi mframa a ɛrebɔ mu. 10Onyankopɔn ahome de nsukyeneeɛ ba,
na nsuo hahanaa no kyene. 11Ɔde fɔnwuni hyɛ omununkum ma;
na ɔtwa nʼanyinam fa mu. 12Ɔhyɛ ma wɔkyinkyini
fa asase so nyinaa so hyia
yɛ deɛ ɔkyerɛ sɛ wɔnyɛ biara. 13Ɔde omununkum ba de bɛtwe nnipa aso,
anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.