Hiob 31:24
Job 31:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Sɛ mede me werɛ ahyɛ sikakɔkɔɔ mu anaasɛ maka akyerɛ sikakɔkɔɔ amapa sɛ, ‘Wo na wobɔ me ho ban,’
Job 31:24 in English
Job 31:24 · Berean Standard Bible
If I have put my trust in gold or called pure gold my security,
Context
22ɛnneɛ ma mʼabasa mpan mfiri mʼabatiri,
ma ɛmmubu mfiri ne pɔ so. 23Mesuroo ɔsɛeɛ a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn,
na nʼanimuonyam ho suro enti mantumi anyɛ saa nneɛma yi. 24“Sɛ mede me werɛ ahyɛ sikakɔkɔɔ mu
anaasɛ maka akyerɛ sikakɔkɔɔ amapa sɛ, ‘Wo na wobɔ me ho ban,’ 25sɛ masɛpɛ me ho wɔ mʼahodeɛ bebrebe enti,
ahodeɛ a me nsa aka yi, 26sɛ mahwɛ owia a ɛhyerɛn
anaa ɔsrane a ɛnam animuonyam mu,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.