Hiob 24:5
Job 24:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ahiafoɔ no yɛ wɔn adwuma pɛ aduane te sɛ ɛserɛ so mfunumu no; asase wesee no so na wɔnya aduane ma wɔn mma.
Job 24:5 in English
Job 24:5 · Berean Standard Bible
Indeed, like wild donkeys in the desert, the poor go to work foraging for food; the wasteland is food for their children.
Context
3Wɔpam nwisiaa mfunumu
na wɔgye akunafoɔ anantwie sɛ awowasideɛ. 4Wɔsum ahiafoɔ firi ɛkwan so
na wɔhyɛ asase no so ahiafoɔ ma wɔkɔtetɛ. 5Ahiafoɔ no yɛ wɔn adwuma pɛ aduane
te sɛ ɛserɛ so mfunumu no;
asase wesee no so na wɔnya aduane ma wɔn mma. 6Wɔboaboa mmoa aduane ano wɔ mfuo no so
na wɔdi mpɛpɛ wɔ amumuyɛfoɔ bobe nturo mu. 7Wɔnni ntoma, na wɔda kwaterekwa;
wɔnni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.