Native Bible

Job 18:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nʼanammɔntuo mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase; nʼankasa nhyehyɛeɛ bɛhwe nʼase.

Job 18:7 in English

Job 18:7 · Berean Standard Bible

His vigorous stride is shortened, and his own schemes trip him up.

Context

5“Omumuyɛfoɔ kanea adum; na ne ogya nnɛre bio. 6Hann a ɛwɔ ne ntomadan mu duru sum; kanea a ɛsi ne ho no dum. 7Nʼanammɔntuo mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase; nʼankasa nhyehyɛeɛ bɛhwe nʼase. 8Nʼanammɔn de no kɔ afidie mu, na ɔkyinkyini kɔtɔ nʼatena mu. 9Afidie sɔ ne nantin na ɛsɔ ne mu denden.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.