Hiob 13:15
Job 13:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛwom sɛ ɔkumm me deɛ, nanso ne so na mʼani bɛda; ampa ara mɛdi mʼakwan ho adanseɛ wɔ nʼanim.
Job 13:15 in English
Job 13:15 · Berean Standard Bible
Though He slay me, I will hope in Him.* I will still defend my ways to His face.
Context
13“Monyɛ dinn, na menkasa;
na deɛ ɛbɛyɛ me biara mmra me so. 14Adɛn enti na mede me ho to amaneɛ mu
na mede me nkwa to me nsam? 15Ɛwom sɛ ɔkumm me deɛ, nanso ne so na mʼani bɛda;
ampa ara mɛdi mʼakwan ho adanseɛ wɔ nʼanim. 16Nokorɛm, yei na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ,
ɛfiri sɛ deɛ ɔnsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim! 17Montie me nsɛm yi yie;
monyɛ aso mma deɛ meka.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.