Hiob 1:14
Job 1:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɔbɔfoɔ bi baa Hiob hɔ, bɛkaa sɛ, “Anantwie no refɛntɛm na mfunumu no redidi wɔ wɔn nkyɛn no,
Job 1:14 in English
Job 1:14 · Berean Standard Bible
a messenger came and reported to Job: “While the oxen were plowing and the donkeys were grazing nearby,
Context
12Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Ɛyɛ, deɛ ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, nanso ɔno ankasa deɛ, mfa wo nsateaa nka no.”
Na Satan firii Awurade anim kɔeɛ. 13Ɛda bi a Hiob mmammarima ne ne mmammaa redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panin fie no, 14ɔbɔfoɔ bi baa Hiob hɔ, bɛkaa sɛ, “Anantwie no refɛntɛm na mfunumu no redidi wɔ wɔn nkyɛn no, 15Sebafoɔ* bɛto hyɛɛ yɛn so, sesaa wɔn kɔɔeɛ. Wɔde afena kunkumm apaafoɔ no, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo saa amaneɛ yi.” 16Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa sɛ, “Onyankopɔn ogya firi soro abɛhye wo nnwan ne wo nnwanhwɛfoɔ no nyinaa, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.